Akwaboah - Edwom Te Sen lyrics

Published

0 220 0

Akwaboah - Edwom Te Sen lyrics

[VERSE 1] Hm, Koomire no no Dabia na konkonsa Mewerɛfi koraa ɛnyɛ deɛ wode yɛɛ Amponsah Adwenfi nti wodeɛ kɔ soa kyimkyim sa Wonim sɛ wo wɔ yere san wɔ mma ɛnnɛ wokɔɔ dwaso yɛtɔɔ sɛn Metɔn me nsem no, mede bi foro hyɛn Na woɛ? Wotɔn yɛ no wo nyaa deɛn? Animguaseɛ Motete nnuase na nkorɔfo nsem Nipa sei tumi kɔwie korɔno afam W'akeka nsem a w'ahunu sɛ woho akam Woto boɔ bɔ Nyame nso a ɛbɔ w'apampam Konkonsa no mo di no nyasam, na ɛtan Hwɛ sɛ wo yare da mpam Obi ne fie asem na wode woho ahyɛm Nasoɔbɛn Wei kɔ ma mo a mo ndi mo fie asem [CHORUS] Edwom te sɛn (eh eh ehh) Meho nsem a wo tɔn no yɛtɔɔ adeɛ sɛn (eh eh ehh) Ababawa ee na wo nyaa mfasoɔ bɛn a (Dabia na konkonsa no) Edwom te sɛn (eh eh ehh) (ɛne nkorɔfo nsem) Edwom te sɛn (eh eh ehh) Meho nsem a wo tɔn no yɛtɔɔ adeɛ sɛn a Ababawa ee na wo nyaa mfasoɔ bɛn a (Nti wodeɛ dabia na konkonsa na) Edwom te sɛn (eh eh ehh) Ntie deɛ obia bɛka biom [VERSE 2] Adwenfi nti dabia na ɔnam dan ho Wakɔka obi ho asem nti ɔde ne ho sie, ɔntumi mfa kwan ho Wɔ nam park so a ɔnni ahotɔ nti dabia ɔde ne ho siesie nipa Dadowa kwaa kɔɔ atwee mantse nipa wee yɛ waa paaba n'adwuma yɛm Pioneer konkonsa wɔɔkɔ bisa [HOOK] Wokɔ atifi kɔ hono nsuo no a na w'aba anaafo abɛbisa w'aba anaafo abɛbisa, anomaa kokonekone Wokɔ atifi kɔ hono nsuo no a na w'aba anaafo abɛbisa ee w'aba anaafo abɛbisa, konkonsa yi a gyae oo [VERSE 3] ɛnyɛ moa, dumsor n'aboa mo Agye sɛ mo anhu sum na mo kɔ toaso Obi yere afa yafunu wɔ Tulaaku Nti ɛbaa ne sɛn na akɔ akɔ pue Aboabo Wɔbɛto neboase na w'aboa ano Nsem a ɛhyɛ kokua mu koraa okura safoa no Konkonsa mu degree me se akua no Hm! Me se wei kɔ ma mo a mo ndi mo fie asem CHORUS Edwom te sɛn (eh eh ehh) Meho nsem a wo tɔn no yɛtɔɔ adeɛ sɛn (eh eh ehh) Ababawa ee na wo nyaa mfasoɔ bɛn a (eh eh ehh) (Dabia na konkonsa no) Edwom te sɛn (eh eh ehh) (konkonsa no) Edwom te sɛn (eh eh ehh) Meho nsem a wo tɔn no yɛtɔɔ adeɛ sɛn Konkonsa yi, krakye ee wo nyaa mfasoɔ bɛn a (eh eh ehh) (ka hyɛn kɔ duru) Edwom te sɛn (eh eh ehh) Edwom te sɛn (eh eh ehh) Meho nsem a wo tɔn no yɛtɔɔ adeɛ sɛn (eh eh ehh) Ababawa ee na wo nyaa mfasoɔ bɛn a Edwom te sɛn (eh eh ehh) Edwom te sɛn (eh eh ehh) Meho nsem a wo tɔn no yɛtɔɔ adeɛ sɛn (eh eh ehh) Konkonsa yi, krakye ee wo nyaa mfasoɔ bɛn a (eh eh ehh) Edwom te sɛn (eh eh ehh) Ntie deɛ obia bɛka biom