Akwaboah - Bra lyrics

Published

0 299 0

Akwaboah - Bra lyrics

[INTRO : Sarkodie] Huh, ɔdɔ deɛ ɛdɛ oo Hwɛ, m'akoma mu dɔ, Julie [VERSE 1 : Sarkodie] Tie Wodɔ no abɔ medam Wodɔ no afira m'ani Wodɔ no nti me nante bɛdwam a menhwɛ m'akyi Odɔ no asi m'aso, ɔdɔ no ama m'ayi M'atɔn me nipadua no ama wo nti mma wo werɛ mfi Sɛ mepɛ wo, medɔ wo nti me dea ne wo Bra na yɛn bɔ bra Kɔgya me sika dua no so Mene wo mmienu ka nyɛ sɛ ebia me nyaa wo fo Meyɛ barima bi a mepɛ adwuma nti mennyɛ kwaadwofo Bɔ me nkɔmmɔ dɛ Nyane me anopa (huh) Fe m'ano na so me mu na kyerɛ me ɔdɔ pa Di m'akyi kɔ kurom, A&C bɔ me ka Ntietie nipa, Temafoɔ ne nsem keka Julie sɔ me nsa Yɛnkɔ goro na wo me ba Ma w'ani kɔ me ho na check w'ayonkofa Fa mekɔ na fameyɛ nea wopɛ Mede m'ani ato fam obia nni hɔ a ɔne wosɛ [CHORUS : PAT THOMAS] Wodɔ nti ama me didi ɔnyɛ yie Wodɔ ntia ama me da a me nda oo Etiri nyɛ bɔferɛ nso na y'apai mu ahwɛ ama w'ahu Nti ɔdɔyɛwu bra oo (bra oo) ɔdɔ ee bra (bra) ɔdɔyɛwu bra oo (bra, bra ma yɛdi dɔ aa) ɔdɔ ee bra oo (bra oo) ɔdɔ ee bra (bra) Wodɔ ntia (bra, bra ma yɛdi dɔ aa) [VERSE 2 : SARKODIE] Obiaa nni hɔ ka wo ho Wopɛ na medɔ Obi ne hammer bɛse wopɛ a nhwɛ hɔ Nom champagne ɛso te a m'atɔ Wodɔ na me hia me ho mfa me a ɛtu awɔ Dan woho hwɛ m'anim Pene na me hwɛ Nsem hyɛ me tirim ma me ka na yɛmmerɛ Huh Follow me to paradise I can see the future when I look into your eyes (huh) Wofata me beamer wofata me benz Gye me di make you no listen to your friends Kwame George mra na me tell no sense Yɛse mmarima suban basaa, it depends Lord, mefam wo tesɛ glue W'akoma no pa a ɛworry m'ahyɛ no blue True, ma baby you fine M'ahyɛ wo kawa one time [CHORUS : PAT THOMAS] Wodɔ nti ama me didi ɔnyɛ yie Wodɔ ntia ama me da a me nda oo Etiri nyɛ bɔferɛ nso na y'apai mu ahwɛ ama w'ahu Nti ɔdɔyɛwu bra oo (bra oo) ɔdɔ ee bra (bra) ɔdɔyɛwu bra oo (bra, bra ma yɛdi dɔ aa) ɔdɔ ee bra oo (bra oo) ɔdɔ ee bra (bra) Wodɔ ntia (bra, bra ma yɛdi dɔ aa) Nti ɔdɔyɛwu bra oo (bra oo) ɔdɔ ee bra (bra) ɔdɔyɛwu bra oo (bra, bra ma yɛdi dɔ aa) ɔdɔ ee bra oo (bra oo) ɔdɔ ee bra (bra) Wodɔ ntia (bra, bra ma yɛdi dɔ aa)